Wo Ntaban

Wo Ntaban

Daughters Of Glorious Jesus

Альбом: Aseda
Длительность: 7:08
Год: 2020
Скачать MP3

Текст песни

Awurade eh, Awurade eh-eh-eh-eh-eh
Wo ntaban ase na mɛtena daa a-a-a
Wo nwunu ase na mɛtena daa a-a-a
Wo ne m'ahintabea
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Awurade eh, Awurade eh-eh-eh-eh-eh
Wo ntaban ase na mɛtena daa a-a-a
Wo nwunu ase na mɛtena daa a-a-a
Wo ne m'ahintabea
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase
Ao Jesus
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Bonsam hwehwɛ me a, onhunu me
Ɔpɛ me bɔne nso a ɔrennya me
Efiri sɛ mehyɛ Jesus ne ntaban ase
Afei woabɛyɛ me han ɛne me nkwagye
Ɔno na woayi me ɛfiri owuo yadeɛ yi mu
Enti medawoase oh, Awurade eh, meyi woayɛ daa
Ao Jesus, enti medawoase o
Mewura eh, meyi woayɛ daa

Bonsam hwehwɛ me a, onhunu me
Ɔpɛ me bɔne nso a ɔrennya me da
Efiri sɛ mehyɛ Jesus ne ntaban ase
Afei woabɛyɛ me han ɛne me nkwagye
Ɔno na woayi me ɛfiri owuo amena yi mu o
Enti medawoase oh,mewura eh, meyi woayɛ daa
Ao Jesus, enti medawoase o
Agyenkwa eh, meyi woayɛ daa
Ye-e-e-e-e-a-h

Awurade eh, Awurade eh-eh-eh-eh-eh
Wo ntaban ase na mɛtena daa a-a-a
Wo nwunu ase na mɛtena daa a-a-a
Wo ne m'ahintabea
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase
Ao Jesus
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Enti me nua a, woretie me
Hwehwɛ ntaban pa bi
Na fa wo ho kɔhyɛ aseɛ
Hwehwɛ asomdwoe nwunu no
Na fa wo ho kohinta aseɛ
Efiri sɛ ɔbɔnefoɔ no, ɔbɔnefoɔ no

N'ani abre, hwehwɛ wo akɔ
Owuo ne ɔsɛeyɛ mu
Enti dwane bra bɛhyɛ Jesus ntaban no ase
Ao me nua e, dwane bra bɛhyɛ
Dwane bra bɛhyɛ Tweduampɔn nwunu no ase o
Ne ntaban no ase

Me nua eh
Awurade eh, Awurade eh-eh-eh-eh-eh
Wo ntaban ase na mɛtena daa a-a-a
Wo nwunu ase na mɛtena daa a-a-a
Wo ne m'ahintabea
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase
Ao Jesus
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Fa me sie
Fa me sie wɔ ntaban ase
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Menni obiara ka wo ho
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Fa me sie, fa me sie
Fa me sie wɔ ntaban ase
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Ye-e-e-e-a-a-a-ah
Enti fa me sie eh, wo ntaban ase

Agya menni obiara o sɛ wo nko ara wo hɔ
Enti fa me sie eh