Who Born You By Mistake (Feat. Blitz The Ambassador)
Obrafour
5:53Obrafoɔ Mpem mmienu 2, 000 Ghana Mabɛduru Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie Mama watete me afiri fie Obrafoɔ maseda nie Maame wayeyi ni Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie Mama watete me afiri fie Obrafoɔ mese maseda nie Maame wayeyi ni Yo! Awoɔ yɛya nso woampaaba Wabadayɛ deɛ ɛnna menhuu bi da Medwen woho a menhu deɛ me nka Ampa obiaa ntimi nyɛ mma me wɔ deɛ wayɛ ama me wɔ me wiase Me mmɔfra ase Wode ntoboaseɛ Ahobraseɛ Anya meho nteaseɛ Na wode bɛsi nnɛ Nti mede me tɛkrɛma bɛpaemu akasɛ medawase Nhyira nka wodin Nyame ma wo ahoɔden Me nyin na me wo aa Maame na mɛto no abadin Watete mewɔ Nyame suro kwan so ɔdɔ a wayi no adi akyerɛ me no deɛ ɛboro meso ɛberɛ nyinaa meti da woso Oh! Nyankopɔn Twiediampɔn Wona wo bɔɔ ɔsoro ne asaase ne nyankontɔn ɛna wo bɔɔ me ɔbrempɔn Deɛ meserɛ wo ne sɛ hyira me maame anim mprenpren Ma wɔn nkwa nna wɔ asaase so ɛnyɛ tenten Sɛ mehwɛ nea woayɛ ama me a Wosɛ ayɛyi Nana Nyame nhyira wo o Maame e Sɛ mehwɛ nea woayɛ ama me a Wosɛ ayɛyi Nana Nyame nhyira wo o Maame e Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie Mama watete me afiri fie Obrafoɔ maseda nie Maame wayeyi ni Obaatan na ɛnim deɛ ne mma bɛdie Mama watete me afiri fie Obrafoɔ mese maseda nie Maame wayeyi ni Yo! Akoma pa, nteteɛ pa, ɔdɔ pa, nhwɛso pa Nyinaa firi me Maame Ama Ɛyɛ ampa, mamenka Meho adwendwen ahyɛ no ma Nti ɔkɔ kɛtɛ so koraa, ɛyaa ɔnna Ɛnkanka, meyare a, ɔntumi nnidi, obua da Ɔde ayam hyehyeɛ, ahopreprɛ yɛ m'akoma pedeɛ Ɛnkosi sɛ daa meho bɛto me, ɔnni anigyeɛ Ɔbi bɛ seɛ, ɔdɔ mu afɛfɛdeɛ Bɛhwɛ Kwabena abranteɛ Maame gyegye me so tesɛ ɔdehyeɛ Woanyinaa hwan na ɛbɛyɛ Maame nkoaa na ɛbɛyɛ Mentumi nni wo boniayɛ, hwɛ deɛ woayɛ Abosome mekɔɔ akwantuo Woate ne me nisuo Hwɛ menkoda bɔnensem, woanfa me ho abufuo Woama me nofonsuo Nokorɛ Nyame anim, mehu sɛ woabrɛ me ho papa Woyɛ ɔbaahemaa, mentumi nfa wo nto kyakya Aseda na wofata Mama, bisa Kwaataa